Nnwom 35 - New Revised Asante Twi BibleAtamfoɔ nti ɔhwehwɛ mmoa Dawid deɛ. 1 AWURADE, wo ne wɔn a wɔne me ham no nham, wo ne wɔn a wɔne me ko no nko! 2 Sɔ ɛkyɛm ne nkatanim mu, na sɔre bɛboa me. 3 Twe pea na si wɔn a wɔtaa me no kwan, ka kyerɛ me kra sɛ: W’agyenkwa ne me! 4 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me wuo no anim ngu ase na wɔn ani nwu, ma wɔn a wɔpɛ me bɔne no mfa ahohora nsane wɔn akyi! 5 Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛ, mframa anim, na ma AWURADE bɔfoɔ nsum wɔn ngu! 6 Ma wɔn akwan mu nnuru sum na ɛnyɛ torotorotoro, na AWURADE bɔfoɔ ntaa wɔn! 7 Na wɔasum me fidie wɔn amena mu kwa, na wɔatu me kra amena kwa. 8 Ma ɔsɛeɛ mmɛfiri no awora, na ma ne fidie a wasum ahunta no nyi no, ma ɔmfa bubububu nhwe mu! 9 Na me kra bɛdi ahurisie AWURADE mu, na ne ho asane no, ne nkwagyeɛ mu. 10 Me nnompe nyinaa bɛka sɛ: AWURADE, hwan na ɔte sɛ wo a wogye ɔmanehunufoɔ deɛ ɔyɛ den sene no no nsam ne ɔmanehunufoɔ ne ohiani firi ne dwotwafoɔ no nsam. 11 Adansefoɔ nkontompofoɔ sɔre; adeɛ a mennim na wɔbisa me. 12 Wɔde bɔne tua me papa ka, me kra adi basugya. 13 Na me deɛ, wɔyare a, mefira ayitoma, mede mmuada mebrɛɛ me kra ase, na mebɔɔ mpaeɛ maa no sane bɛguu me kokom. 14 Meyɛɛ sɛdeɛ ɔyɛ m’adamfo ne me nua, mesii me tiri ase twann sɛ obi a ɔregyam ne na. 15 Na ɛnam sɛ merekɔhwe aseɛ nti, wɔn ani gye na wɔbɔ kyenku, nkwahumafoɔ ne nnipa a mennim wɔn bɔ me so kyenku, wɔya ara na wɔnnyae. 16 Sɛ asansanfoɔ pɛ nkyewankyewa ho tena di fɛw no, wɔtwɛree wɔn se guu me so. 17 AWURADE, wobɛhwɛ ara akɔsi da bɛn? Gye me kra firi wɔn sɛeɛ mu, m’ade korɔ firi agyata nsam! 18 Mɛda wo ase edwa kɛseɛ mu, mɛyi wo ayɛ ɔman dodoɔ mu. 19 Mma m’atamfoɔ atorofoɔ no ani nnnye me ho, mma wɔn a wɔtane me kwa no mmmu me anikyeɛ! 20 Na wɔnka asomdwoeɛ nsɛm, na wɔdwene nkontomposɛm tia wɔn a wɔdwo, asase so. 21 Na wɔtrɛ wɔn anomu bayaa wɔ me so, wɔse: Wiɛ, wiɛ, yɛn ani ahunu! 22 AWURADE, woahunu, mmua w’ano, AWURADE, mfiri me nkyɛn nkɔ akyiri! 23 Nyane, na sɔre bɛbu me atɛn, me Nyankopɔn ne m’AWURADE, bɛdi m’asɛm! 24 AWURADE, me Nyankopɔn, fa wo tenenee so bɛbu me atɛn, na mma wɔn ani nnnye me ho! 25 Mma wɔnnka no wɔn akoma mu sɛ: Wiɛ, deɛ yɛpɛ ni! Mma wɔnnka sɛ: Yɛamene no. 26 Wɔn a wɔn ani gye m’amanehunu ho nyinaa, ma wɔn ani nwu na wɔn anim ngu ase. Wɔn a wɔdi me so akokurokosɛm no, ma aniwuo ne ahohora nsi wɔn aduradeɛ! 27 Wɔn a me tenenee sɔ wɔn ani no, ma wɔnni ahurisie na wɔn ani nnye; ma wɔnka daa sɛ: Wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ, sɛ n’akoa yiedie sɔ n’ani. 28 Na me tɛkyerɛma bɛka wo tenenee ne w’ayeyie daa nyinaa. |
The Bible Society of Ghana, 2012