Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 31 - New Revised Asante Twi Bible


Ahotosoɔ dwom
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.

1 Wo, AWURADE, na madwane abɛtoa woɔ, mma m’anim nngu ase da biara da. Fa wo tenenee so gye me,

2 yɛ aso ma me, yɛ ntɛm gye me. Yɛ me dwanekɔhyɛbea botan ne srɔnsrɔn so aban sɛ wɔbɛgye me nkwa.

3 Na wone me botantim ne me tenabea srɔnsrɔn, na wo din nti wobɛkyerɛ me kwan na woakɔgya me.

4 Wobɛyi me afiri afidie a wɔahunta asum me no mu, na wo ara ne m’aban a ɛyɛ den.

5 Wo nsam na mede me honhom mehyɛ, AWURADE, nokorɛ Nyankopɔn, woagye me.

6 Metane wɔn a wɔdi atorɔ ahuhudeɛ akyire, na me deɛ, mebata AWURADE ho.

7 Mɛdi ahurisie, na m’ani agye w’adɔeɛ ho, sɛ woahwɛ m’amanehunu, na woahunu me kra ahohia.

8 Na woanyi me anhyɛ ɔtamfoɔ nsa, wode me nan agyina deɛ ɛtrɛ.

9 AWURADE, hu me mmɔbɔ, na me ho dwan me. Awerɛhoɔ ama m’ani ne me kra ne me honam atwintwam.

10 Na me nkwa ahwere yea mu, na me mfeɛ ahwere ahomeguo mu. M’amumuyɛ nti m’ahoɔden so ahwan, na me nnompe ahodwo.

11 M’ahohiahiafoɔ nyinaa nti mayɛ ɔhohorafoɔ, na mayɛ me ho tefoɔ so duru, na m’amannifoɔ suro me, wɔn a mefiri adi a wɔhu me dwane me.

12 Nnipa werɛ afiri me sɛ owufoɔ, mayɛ sɛ adeɛ a wɔto twene.

13 Na mete nnipa bebree nsekudie, ahudeɛ atwa me ho ahyia, sɛdeɛ me ho agyina a wɔakorɔ no mu wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛsɛe me kra.

14 Na me deɛ, wo, AWURADE, so na mede me ho matoɔ. Mese: Wone me Nyankopɔn.

15 Wo nsam na me mmerɛ wɔ, gye me m’atamfoɔ ne m’ataafoɔ nsam.

16 Te w’anim kyerɛ w’akoa, fa w’adɔeɛ so gye me nkwa.

17 AWURADE mma m’anim nngu ase, na mesu mefrɛ wo. Ma abɔnefoɔ anim ngu ase, na wɔntotɔre mum Asamando.

18 Ma atorofoɔ ano mmua, wɔn a wɔka ɔteneneeni ho nsɛm a ɛyɛ den ahokyerɛ ne aniammɔho mu no.

19 Wo papa a wode asie ama wɔn a wɔsuro wo no sɛdeɛ asi so fa! Ɛno na woyi kyerɛ wɔn a wɔdwane bɛtoa woɔ no, nnipa anim.

20 Wode w’anim bɔ wɔn ho ban de wɔn hunta firi nnipa a wɔabɔ kyenku anim, wode wɔn sie ɔsese mu firi tɛkyerɛma birebire ho.

21 Nhyira ne AWURADE sɛ wama n’adɔeɛ ayɛ nwanwa ama me, kuro a ahohiahia wɔ.

22 Nso me deɛ, mekaa no m’ahoyera mu sɛ: Wɔatwa me afiri w’ani so. Nanso mesu mefrɛɛ woɔ no, wotee me nkotosrɛ.

23 Monnɔ AWURADE, mo a moyɛ n’ahotefoɔ nyinaa. AWURADE hwɛ wɔn a wɔdi nokorɛ so, na ɔtua deɛ ɔdi ahantansɛm no ka ma no boro so.

24 Monhyɛ mo ho den na monsi mo bo, mo a motwɛn AWURADE nyinaa.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan