Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 3 - New Revised Asante Twi Bible


Ahohia berɛ mu anɔpa dwom
Dawid dwom a ɔtoeɛ berɛ a ɔdwane firii ne ba Absalom anim.

1 AWURADE, hwɛ sɛdeɛ m’ahohiahiafoɔ si dɔɔso fa! Wɔn a wɔsɔre tia me no yɛ pii.

2 Nnipa bebree se me sɛ: Ɔnni nkwagyeɛ Nyankopɔn mu. Sela

3 Na wo, AWURADE, wone me ho kyɛm, m’animuonyam ne me werɛkyekyefoɔ.

4 Mede me nne mesu mefrɛ AWURADE, na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron so.

5 Mekɔdae na medae; manyane, na AWURADE kura me mu.

6 Mensuro nkurɔfoɔ mpempem a wɔabɔ me ho nsraban ahyia yi.

7 O AWURADE, sɔre ɛ! Me Nyankopɔn, gye me! Na woabobɔ m’atamfoɔ nyinaa abɔgye, woabubu abɔnefoɔ se.

8 Na AWURADE na nkwagyeɛ wɔ no; wo man so na ma wo nhyira mmra.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan