Nnwom 29 - New Revised Asante Twi BibleNyankopɔn animuonyam a ɛda adi ahum mu Dawid dwom. 1 Mo ɔsoro asafo, momfa animuonyam mma AWURADE, momfa animuonyam ne tumi mma AWURADE. 2 Aane, monhyɛ AWURADE din animuonyam, monsɔre AWURADE, ahokeka kronkron mu. 3 AWURADE nne wɔ nsuo so, animuonyam Nyankopɔn ma aprannaa bom, AWURADE wɔ nsuo bebree so. 4 AWURADE nne mu yɛ den sɛ, AWURADE nne mu wɔ animuonyam. 5 AWURADE nne bubu ntweneduro, AWURADE bubu Lebanon ntweneduro. 6 Na ɔma wɔhurihuri sɛ nantwie ba, Lebanon ne Sirion sɛ okoo ba. 7 AWURADE nne pa gya a ɛdɛre. 8 AWURADE nne ma ɛserɛ so hɔ him, AWURADE ma Kades serɛ so hɔ po. 9 AWURADE nne ma aforoteɛ ko awoɔ, na ɛma kwaeɛ mu da hɔ, na n’asɔrefie mufoɔ nyinaa ka sɛ: Animuonyam nka Nyankopɔn. 10 AWURADE tenaa ase wɔ nsuo a ayiri so, na AWURADE bɛtena hɔ sɛ ɔhene daa. 11 AWURADE bɛma ne man ahoɔden, AWURADE de asomdwoeɛ bɛhyira ne man. |
The Bible Society of Ghana, 2012