Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 28 - New Revised Asante Twi Bible


Abooboo, adesrɛ ne aseda
Dawid deɛ.

1 AWURADE, wo na mesu mefrɛ woɔ, me botan, mmua w’ano wɔ me ho; anyɛ saa na womua w’ano wɔ me ho a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no.

2 Sɛ mesu mefrɛ wo, na mema me nsa so mekyerɛ wo tenabea kronkron hɔ a, tie me nkotosrɛ.

3 Ntwe me mfra abɔnefoɔ ne abusuyɛfoɔ a wɔne wɔn yɔnkonom kasa asomdwoeɛ soɔ, na wɔn akoma mu deɛ, bɔne wɔ mu.

4 Yɛ wɔn sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ ne wɔn abrabɔ bɔne teɛ, susu wɔn nsa ano nnwuma so ma wɔn, tua wɔn deɛ wɔayɛ so ka.

5 Ɛfiri sɛ wɔn ani nni AWURADE nneyɛɛ ne ne nsa ano nnwuma so: Ɔbɛdwiri wɔn, na ɔrento wɔn nsi hɔ.

6 Ayeyie nka AWURADE, ɛfiri sɛ watie me nkotosrɛ.

7 AWURADE ne m’ahoɔden ne me kyɛm. Mede m’akoma mato ne so, na waboa me, enti m’akoma ho asane no, na mede me dwom meda no ase.

8 AWURADE ne ne nkurɔfoɔ ahoɔden, deɛ wasra no no nkwagyeɛ aban ne no.

9 Boa wo man, na hyira w’apɛgyadeɛ, na yɛne wɔn, na ma wɔn so daa.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan