Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 23 - New Revised Asante Twi Bible


AWURADE ne odwanhwɛfoɔ pa
Dawid dwom.

1 AWURADE ne me hwɛfoɔ, hwee renhia me.

2 Ɔma meda adidibea a ɛhɔ wira yɛ frɔmfrɔm, ɔgya me kɔ nsuo a ɛho dwoɔ ho.

3 Ɔdwodwo me kra, ɔde me fa akwantenenee so, ne din nti.

4 Sɛ mpo menam owuo sum kabii bɔn no mu a, mensuro bɔne biara, ɛfiri sɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ, w’abaa ne wo poma na ɛkyekyere me werɛ.

5 Woto me pono, m’atamfoɔ anim, wode ngo fɔ me tirim, me kuruwa yɛ ma bu so.

6 Ampa ara yie ne adɔeɛ nko na ɛbɛdi m’akyiri me nkwa nna nyinaa, na mɛtena AWURADE fie daa.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan