Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 20 - New Revised Asante Twi Bible


Nkonimdie ho adesrɛ
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.

1 AWURADE ntie wo hiada, Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban,

2 ɔmfiri kronkron mu hɔ mmɛboa wo, na ɔmfiri Bepɔ Sion mmɛhyɛ wo den.

3 Ɔnkae w’aduane afɔdeɛ nyinaa, na wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ n’ani.

4 Ɔmma wo deɛ w’akoma pɛ, na ɔmma wo tirim asɛm nyinaa mmra mu.

5 Ma yɛmmɔ ose wɔ wo nkonimdie ho, na yɛn Nyankopɔn din mu na yɛhim yɛn frankaa: AWURADE mma deɛ wosrɛ nyinaa mmra mu.

6 Afei mahunu sɛ AWURADE boa deɛ wasra no no, ɔgye no so, ne soro kronkronbea hɔ, ɔde ne nifa ahoɔdenneɛ gye no.

7 Ebinom kamfo nteaseɛnam, na ebinom kamfo apɔnkɔ, na yɛn deɛ, yɛkamfo AWURADE yɛn Nyankopɔn din.

8 Wɔn deɛ, wɔbubu duedue so hwehwe ase, na yɛn deɛ, yɛasɔre gyina hɔ kyirebenn.

9 AWURADE, gye ɔhene nkwa. Ɔbɛtie yɛn, da a yɛfrɛ no yi ara mu.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan