Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 150 - New Revised Asante Twi Bible


Deɛ ɛhome nyinaa nyi AWURADE ayɛ!

1 Monyi AWURADE ayɛ! Monyi Onyankopɔn ayɛ wɔ ne kronkronbea, monyi no ayɛ ne tumi wie no mu.

2 Monyi no ayɛ ne mmaninyɛ mu, monyi no ayɛ sɛ ne kɛseyɛ sononko no teɛ.

3 Monyi no ayɛ ntotorobɛnto nne so, monyi no ayɛ bɛnta ne sankuten so.

4 Monyi no ayɛ mpintin ne asa so, monyi no ayɛ asankuhan ne atɛntɛbɛn so.

5 Monyi no ayɛ nsambɔ nnawuro a ne nne so so, monyi no ayɛ nnawuta a ɛgyegye denden so.

6 Momma deɛ ɛhome nyinaa nyi AWURADE ayɛ. Monyi AWURADE ayɛ!

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan