Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 15 - New Revised Asante Twi Bible


Deɛ ɔfata AWURADE ntomadan mu tena
Dawid dwom.

1 O AWURADE, hwan na ɔbɛsoɛ wo ntomadan mu? Hwan na ɔbɛtena wo bepɔ kronkron soɔ?

2 Deɛ ɔnante pɛpɛɛpɛ na ɔdi asɛntenenee, na ɔka n’akomam nokorɛ.

3 Ɔmfa ne tɛkyerɛma nni nsekuro, na ɔnyɛ ne yɔnko bɔne, na ɔmmɔ ne mfɛfoɔ ahohora.

4 Ɔno ara n’ani so ɔbu onipa huhuo animtia, na ɔdi wɔn a wɔsuro AWURADE no ni, ɔka amanenya ntam a, ɔnsakyera.

5 Ɔmfa ne sika mma nnye nsiho, na ɔnnye deɛ ɔdi bem ho adanmudeɛ. Deɛ ɔyɛ yeinom no ɔrehinhim ara da.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan