Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 148 - New Revised Asante Twi Bible


Nyankopɔn nkamfoɔ

1 Monyi AWURADE ayɛ! Monyi AWURADE ayɛ mfiri soro, monyi no ayɛ sorosoro.

2 N’abɔfoɔ nyinaa, monyi no ayɛ, n’asafo nyinaa, monyi no ayɛ.

3 Owia ne ɔsrane, monyi no ayɛ, nsoromma a ɛhran nyinaa, monyi no ayɛ.

4 Mo soro mu soro, monyi no ayɛ, ɛne mo asuasu a ɛwɔ ɔsoro soɔ.

5 Ma wɔnyi AWURADE din ayɛ, na ɔno na ɔhyɛeɛ na wɔbɔɔ wɔn;

6 na ɔde wɔn tintim hɔ daa daa, wahyɛ ahyɛdeɛ a obi ntra.

7 Monyi AWURADE ayɛ mfiri asase so, nsuboa ahodoɔ ne abunu nyinaa;

8 ogya ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne huruhuro, ahum a ɛyɛ deɛ n’asɛm seɛ:

9 Mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa, nnua a ɛsoɔ ne ntweneduro nyinaa,

10 wiram mmoa ne afieboa nyinaa, mmoa a wɔwea ne ntakraboa.

11 Asase so ahemfo ne aman nyinaa, atitire ne asase so atemmufoɔ nyinaa,

12 mmeranteɛ ne mmabaa nso, mpanin ne mmɔfra:

13 Wɔnyi AWURADE din ayɛ, sɛ ne din nko na ɛso; n’animuonyam tra asase ne ɔsoro so.

14 Na wama abɛn so ama ne man, ama n’ahotefoɔ nyinaa ayeyie, ama Israel mma, ɔman a wɔbɛn no no. Monyi AWURADE ayɛ!

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan