Nnwom 144 - New Revised Asante Twi BibleAWURADE ne Israel botan Dawid deɛ. 1 Nhyira ne AWURADE, me botan a ɔkyerɛkyerɛ me nsa ɔsa ne me nsateaa akodie. 2 M’adɔeɛ ne m’abankɛseɛ, m’abantenten ne me gyefoɔ, me kyɛm ne deɛ medwane mekɔtoa no a ɔbrɛ me man ase hyɛ m’aseɛ. 3 AWURADE, onipa ne hwan a wohu no, ɔdasani ba ne hwan a wodwene ne ho? 4 Onipa te sɛ ahuhuo, ne nna te sɛ sunsum a ɛretwam. 5 AWURADE, kuntunu wo soro, na si fam, keka mmepɔ, na ɛmfiri wisie. 6 Pa anyinam, na pansam wɔn, toto wo mmɛmma, na sɛe wɔn. 7 Tene wo nsa firi soro nohoa, hwam me, na yi me firi nsuo akɛseɛ mu, firi ananafoɔ mma nsam. 8 Wɔn na wɔn ano ka nsɛnhuhuo, na wɔn nifa yɛ atorɔ nifa. 9 Onyankopɔn, mɛto dwom foforɔ mama wo, mede sankuo a ɛso han du bɛto dwom mama wo, 10 sɛ wo na wode nkwagyeɛ ma ahemfo, na wogyee w’akoa Dawid firii afena a ɛnyɛ ano. 11 Gye me na yi me firi ananafoɔ mma a wɔn ano ka nsɛnhunu nsam. Wɔn na wɔn nifa yɛ atorɔ nifa. 12 Na yɛn mmabanin ayɛ sɛ tɛ nnua a anyini yie, wɔn mmeranteberɛ mu, na yɛn mmammaa ayɛ sɛ twea so adum a wɔasene no sɛ ahemfie deɛ. 13 Na yɛn asan ayɛ ma a wɔyi mu nnoɔma ahodoɔ nyinaa, na yɛn nnwan awo mpempem ayɛ mpem du du yɛn nsase so. 14 Na yɛn anantwie ho atua wɔn ho a ɔsɛeɛ ne ɔyera mma wɔn mu, na abooboo amma yɛn mmɔntene so. 15 Nhyira ne ɔman a wɔte sɛɛ, nhyira ne ɔman a AWURADE ne wɔn Nyankopɔn. |
The Bible Society of Ghana, 2012