Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 142 - New Revised Asante Twi Bible


Mmoa ho adesrɛ
Dawid nnweneho dwom. Mpaeɛ a ɔwɔ ɔbodan mu no, ɔbɔeɛ.

1 Mede me nne mesu mefrɛ AWURADE, mede me nne mekoto mesrɛ AWURADE,

2 mehwie m’abooboo megu n’anim, meka m’ahohia mekyerɛ no.

3 Me honhom tɔ piti me mu a, wo na wonim me kwan. Ɛkwan a menam soɔ no so na wɔsum me fidie.

4 Mehwɛ nifa, na hwɛ, obi nni hɔ a n’ani ku me ho, dwanekɔbea abɔ me, obiara mfa me kra nyɛ huu.

5 Mesu mefrɛ wo, AWURADE. Mese: Wone me dwanekɔbea, me kyɛfa, ateasefoɔ asase so.

6 Wɛn w’aso tie me su, na mayɛ hodwoo, yi me firi m’ataafoɔ nsam, na wɔn ho yɛ den kyɛne me.

7 Yi me kra firi afiase, na mayi wo din ayɛ. Ateneneefoɔ bɛtwa me ho ahyia sɛ wo ne me adi no yie.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan