Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 141 - New Revised Asante Twi Bible


Nkwagyeɛ ho adesrɛ
Dawid dwom.

1 AWURADE, mesu mefrɛ wo, yɛ ntɛm ma me; sɛ mesu mefrɛ wo a, yɛ aso ma me.

2 Ma me mpaebɔ mmɛsi w’anim sɛ ohwam, me nsa soma sɛ anwummerɛ ayɛyɛdeɛ.

3 AWURADE, fa ɔwɛn bɛwɛn m’ano, na hwɛ m’anofafa pono ano.

4 Nkom m’akoma nkɔ nsɛmmɔne ho, sɛ me ne nnipa amumuyɛfoɔ bɛdi nsɛmmɔne, na mma mennka wɔn nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ bi mennhwɛ.

5 Ma ɔteneneeni mmɔ me na ɔnka m’anim adɔeɛ so, ɛyɛ tire so ngo a me tiri rempoɔ, nanso amumuyɛfoɔ ngo deɛ, mma no ngu me tiri so, na me mpaebɔ ara na ɛda so tia wɔn nsɛmmɔne.

6 Wɔsum wɔn atemmufoɔ hwe ɔbotan so, na wɔte me nsɛm sɛ ɛyɛ dɛ.

7 Sɛdeɛ obi dwiri asase funtum soɔ no, saa ara na wɔama yɛn nnompe apete Damena ano.

8 Na wo, AWURADE, so na m’ani da, wo na medwane bɛtoa wo, nto me kra ntwene.

9 Kora me firi apa a wɔasum me ne amumuyɛfoɔ mfidie ho.

10 Ma abɔnefoɔ nhwe wɔn ankasa nsɛmma mu, na me deɛ, ma mensiane ho menkɔ prɛko.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan