Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 140 - New Revised Asante Twi Bible


Banbɔ ho mpaebɔ
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.

1 AWURADE, yi me firi onipa bɔne nsam, bɔ me ho ban, ɔbarima ɔboɔdurufoɔ ho.

2 Wɔn na wɔdwene akoma mu bɔne, daa nyinaa wɔka ɔko.

3 Wɔse wɔn tɛkyerɛma ano sɛ ɔwɔ, ahuritia borɔ wɔ wɔn se ano.

4 AWURADE, hwɛ me so firi ɔbɔnefoɔ nsam, bɔ me ho ban ɔbarima ɔboɔdurufoɔ ho, na wɔabɔ wɔn tirim pɔ sɛ wɔbɛsum m’anammɔn atwene.

5 Ahantanfoɔ de fidie ne nhoma ato hɔ ama me, wɔasum me nsɛmma kwankyɛn, wɔasum me apa.

6 Mesee AWURADE sɛ: Wone me Nyankopɔn; AWURADE, yɛ aso ma me nkotosrɛ nne.

7 Ao, AWURADE, me Wura, me nkwagyeɛ ahoɔden, wokataa me tiri so wɔ ɔko da mu.

8 AWURADE, mma ɔbɔnefoɔ deɛ ɔpɛ, mma n’agyina no nnkɔ so, na wɔamma wɔn ho so.

9 Wɔn a wɔtwa me ho hyia no deɛ, ma wɔn anomu mmusuo mmua wɔn atifi.

10 Ma nsramma ngu wɔn so, ma wɔmfa wɔn ngu ogya mu, aku donkodonko mu a wɔrensɔre bio.

11 Mma ɔtɛkyerɛmafoɔ nntintim asase so, ɔboɔdurufoɔ, ma bɔne nti no yerɛdɛdɛ.

12 Menim sɛ AWURADE bɛdi ɔmanehunufoɔ asɛm, ɔbɛbu atɛn ama ahiafoɔ.

13 Ampa, teneneefoɔ bɛda wo din ase, teefoɔ bɛtena w’anim.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan