Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 14 - New Revised Asante Twi Bible


Wiase nnebɔne
( Nnwom 53 )
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid deɛ.

1 Ogyegyentwie se n’akomam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe wɔn nneyɛɛ ayɛ akyiwadeɛ, obi nni hɔ a ɔyɛ papa.

2 AWURADE firi soro hwɛ nnipa mma, sɛ ɔbɛhunu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma, obi a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan.

3 Wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa aporɔ, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, ɔbaako mpo nni hɔ.

4 Enti omumuyɛfoɔ biara nni hɔ a ɔwɔ nimdeɛ, wɔn a wɔdi me man sɛdeɛ wɔdi aduane, na wɔnsɔre AWURADE?

5 Ɛno na wɔn ho popoeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn wɔ teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ mu.

6 Mobɛhwete mmɔborɔni atirimpɔ mu ara, nanso AWURADE ne ne dwanekɔbea.

7 Hwan na ɔde Israel nkwagyeɛ bɛfiri Sion aba? Da a AWURADE de ne man agyapadeɛ bɛsane aba no, Yakob bɛdi ahurisie, na Israel ani agye.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan