Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 139 - New Revised Asante Twi Bible


Onyankopɔn yɛ honhom
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.

1 AWURADE, wohwehwɛ me mu, na wohu me.

2 Wo na wonim m’asetena ne me sɔreɛ, wohunu m’adwene mu akyirikyiri.

3 Wohwehwɛ me nanteɛ ne me nna mu, na wonim m’akwan nyinaa mu yie.

4 Na asɛm biara nni me tɛkyerɛma so gye deɛ wo, AWURADE, wonim ne nyinaa no.

5 Woaka me ahyɛm, m’akyiri ne m’anim, na wode wo nsa ato me so.

6 Saa nimdeɛ yi yɛ me nwanwa dodo, ɛkɔ soro dodo, mentumi nnuru koraa.

7 Ɛhe na mɛfiri wo honhom no anim madwane makorɔ? Na ɛhe na mɛfiri w’anim madwane makorɔ?

8 Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ, na mpo mekɔsɛ me kɛtɛ Asamando a, woni!

9 Sɛ mefa adekyeeɛ ntaban metu mekɔtena ɛpo akyiri nohoa a,

10 ɛhɔ nso na wo nsa bɛkɔ akɔgya me, na wo nifa bɛsɔ me mu.

11 Na sɛ mese: Esum nko mmɛkata me so na me ho hann nnane anadwo a,

12 esum nso nnuru sum mma wo, na anadwo hran sɛ awia, esum ne hann yɛ wo pɛ.

13 Na wo na wobɔɔ me sawa, wonwonoo me, me na yam.

14 Meda wo ase sɛ woyɛɛ me maa no yɛɛ hu ne nwanwa, wo nneyɛɛ yɛ nwanwa, na me kra nim saa yie.

15 Me nnompe anhunta wo, berɛ a wɔyɛɛ me ahuntaeɛ mu na wɔnwonoo me asase mu tɔnn no.

16 Meyɛ mogya toa nko no, w’ani hunuu me, na wo nwoma mu, wɔatwerɛ ne nyinaa, nna a wɔahyɛ asie na emu baako pɛ nnya mmaeɛ no.

17 Na me deɛ, Onyankopɔn, sɛdeɛ w’adwene boɔ si yɛ me den! Sɛdeɛ ɛsi dɔɔso!

18 Sɛ merekan a, ɛdɔɔso sene anwea, menyane a, meda so mewɔ wo ho ara.

19 Onyankopɔn, sɛ wobɛkum abɔnefoɔ na mogyapɛfoɔ afiri me so akɔ ɛ!

20 Wɔn a wɔkasa tia wo mmusuo mu ne w’atamfo a wɔbɔ wo din ahuhudeɛ mu no.

21 AWURADE, wɔn a wɔtane woɔ no, mentane wɔn anaa? Na wɔn a wɔsɔre tia woɔ no, me werɛ nho wɔn anaa?

22 Mede ɔtane pa metane wɔn, mebu wɔn m’atamfoɔ.

23 Onyankopɔn, hwehwɛ me mu, na hunu m’akoma, sɔ me hwɛ, na hunu m’adwene,

24 na hwɛ sɛ amaneɛ kwan bi wɔ me hɔ, na gya me kɔ daa kwan so!

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan