Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 138 - New Revised Asante Twi Bible


Nyankopɔn adɔeɛ ne ne nokorɛdie ho aseda
Dawid deɛ.

1 Mede m’akoma nyinaa bɛda wo ase, anyame no anim mɛto wo dwom.

2 Mɛkoto makyerɛ w’asɔrefie kronkron no, na mada wo din ase, w’adɔeɛ ne wo nokorɛ ho, sɛ woama w’asɛm aso atra wo din nyinaa.

3 Da a mesu mefrɛeɛ no, wogyee me so, wohyɛɛ me den maa me kra nyaa ahoɔden.

4 AWURADE, asase so ahemfo nyinaa bɛda wo ase, sɛ wɔate w’anomu nsɛm.

5 Na wɔbɛto AWURADE akwan ho dwom, sɛ AWURADE animuonyam yɛ kɛseɛ.

6 Na AWURADE wɔ sorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefoɔ, na ahantanfoɔ deɛ, ɔhu wɔn wɔ akyirikyiri.

7 Menam ahohia mu a, woma me nkwa, wotene wo nsa m’atamfoɔ abufuo so, na wo nifa gye me.

8 AWURADE bɛwie di ama me, AWURADE, w’adɔeɛ wɔ hɔ daa, wo nsa ano adwuma no, worennya no hɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan