Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 136 - New Revised Asante Twi Bible


Nyankopɔn animuonyam wɔ abɔdeɛ ne abakɔsɛm mu

1 Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

2 Monna anyame mu Nyankopɔn ase, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

3 Monna awuranom mu AWURADE no ase, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

4 Deɛ ɔno nko ara yɛ anwanwadeɛ akɛseɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

5 Deɛ ɔde nteaseɛ yɛɛ ɔsoro no, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

6 Deɛ ɔde asase trɛɛ nsuo soɔ no, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

7 Deɛ ɔyɛɛ akanea akɛseɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

8 Owia, sɛ ɛnni adekyeeɛ so, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

9 Ɔsrane ne nsoromma, sɛ ɛnni anadwo so, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

10 Deɛ ɔbobɔɔ Misraimfoɔ wɔn mmakan mu, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

11 Na ɔyii Israel firii wɔn mu no, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

12 Ɔde nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu na ɛyii wɔn, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

13 Deɛ ɔtwitwaa Mmɛwa Po mu asinasini, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

14 Na ɔde Israel faa mu, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

15 Na ɔkaa Farao ne ne dɔm guu Mmɛwa Po mu, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

16 Deɛ ɔgyaa ne man faa ɛserɛ soɔ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

17 Deɛ ɔbobɔɔ ahemfo akɛseɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

18 Na ɔkunkumm ahemfo animuonyamfoɔ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

19 Amorifoɔ hene Sihon, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

20 Na Basan hene Og, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

21 Na ɔde wɔn asase maa sɛ apɛgyadeɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

22 Ɔde yɛɛ n’akoa Israel apɛgyadeɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

23 Deɛ ɔkaee yɛn yɛn ahobrɛaseɛ mu, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

24 Na ɔgyee yɛn firii yɛn ahohiahiafoɔ nsam, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

25 Ɔma honam nyinaa aduane, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

26 Monna ɔsoro Nyankopɔn ase, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan