Nnwom 135 - New Revised Asante Twi BibleNyankopɔn tumi ne ahoni mmerɛyɛ 1 Monyi AWURADE ayɛ. Monyi AWURADE din ayɛ, AWURADE nkoa, monyi no ayɛ, 2 mo a mogyina AWURADE fie, yɛn Nyankopɔn fie adihɔ. 3 Monyi AWURADE ayɛ, na AWURADE yɛ, monto dwom mma ne din, na ɛyɛ dɛ. 4 Na AWURADE ayi Yakob afa, ɔde Israel ayɛ ne deɛ. 5 Na me deɛ, menim sɛ AWURADE so, na yɛn wura sene anyame nyinaa. 6 Biribiara a AWURADE pɛ no, ɔyɛ, ɔsoro ne fam, ɛpo ne abunu nyinaa mu. 7 Ɔma amununkum firi asase ano ba, ɔyɛ anyinam ma osutorɔ, ɔyi mframa firi ne korabea. 8 Ɔkum Misraim mmakan firi nnipa so kɔsii mmoa so. 9 Ɔsomaa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ baa wo, Misraim, mfimfini, Farao ne ne nkoa nyinaa so. 10 Ɔbobɔɔ amanaman pii, na ɔkumm ahemfo atumfoɔ, 11 Amorifoɔ hene Sihon, ne Basan hene Og, ne Kanaan ahennie nyinaa, 12 na ɔde wɔn asase maa sɛ awunnyadeɛ, ɔde yɛɛ ne man Israel awunnyadeɛ. 13 AWURADE, wo din wɔ hɔ daa, AWURADE, wo nkaeɛ tena awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. 14 Na AWURADE bɛbu ne man bem, na ɔbɛhu ne nkoa mmɔbɔ. 15 Amanaman ahoni yɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ, nnipa nsa ano nnwuma. 16 Wɔwɔ ano, nanso wɔnkasa, wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ, 17 wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm, nso home biara nni wɔn anomu. 18 Wɔn a wɔyɛ wɔn bɛyɛ sɛ wɔn ara, obiara a ɔde ne ho to wɔn soɔ no. 19 Israel fiefoɔ, monhyira AWURADE, Aaron fiefoɔ, monhyira AWURADE. 20 Lewi fiefoɔ, monhyira AWURADE, mo a mosuro AWURADE, monhyira AWURADE. 21 Wɔmfiri Sion nhyira AWURADE a ɔte Yerusalem no, monyi AWURADE ayɛ. |
The Bible Society of Ghana, 2012