Nnwom 133 - New Revised Asante Twi BibleAnuanom baakoyɛ mu nhyira Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. 1 Hwɛ ɛyɛ a ɛyɛ ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena faako. 2 Ɛte sɛ aboɔden ngo pa a wɔhwie guu Aaron apampamu, ɛsiane guu n’abɔgyesɛ mu, na ɛsiane guu n’atadeɛ mmuano so. 3 Ɛte sɛ Hermon bosuo a ɛsiane gu Sion mmepɔ soɔ, na ɛhɔ na AWURADE ahyɛ nhyira, aane, nkwa de kɔsi daa. |
The Bible Society of Ghana, 2012