Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 132 - New Revised Asante Twi Bible


Mpaeɛ a Dawid nti wɔbɔ ma Sion
Ɔsoroforɔ dwom.

1 AWURADE, kae Dawid brɛ nyinaa ma no,

2 sɛdeɛ ɔkaa AWURADE ntam, na ɔhyɛɛ Yakob tumfoɔ no bɔ sɛ:

3 Merenkɔ me fie ntomadan mu, meremforo me mpa so mpia mu,

4 meremma m’anisuatɛtɛ rentɔ nko, nso merenna

5 kɔsi sɛ mɛnya baabi mama AWURADE, tenabea bi ama Yakob tumfoɔ no ansa.

6 Hwɛ, yɛkɔtee no Efrata, yɛkɔhunuu no kwaeɛ asase so.

7 Momma yɛnkɔ ne tenabea, nkɔkoto ne nan ntiasoɔ anim ɛ.

8 AWURADE, sɔre kɔ wo home mu, wo ne wo tumi adaka no.

9 Ma w’asɔfoɔ nhyɛ tenenee, na ma w’ahotefoɔ nni ahurisie.

10 Ɛsiane w’akoa Dawid nti, nnane deɛ woasra no no ani.

11 AWURADE aka Dawid ntam nokorɛ mu a ɔnnane ani: Mede wo yafumma mu bi matena w’adwa so mama wo.

12 Sɛ wo mma di m’apam ne m’adanseɛ a mɛkyerɛkyerɛ wɔn no so a, wɔn mma nso bɛtena w’adwa so daa.

13 Na AWURADE ayi Sion, wapɛ hɔ de ayɛ ne tenabea.

14 Yei ne me homebea daapem, ɛha na mɛtena, na mepɛ ha.

15 Mede nhyira bɛhyira n’adidideɛ, mɛma n’ahiafoɔ aduane adi amee.

16 Na mede nkwagyeɛ bɛhyɛ n’asɔfoɔ, na n’ahotefoɔ bɛto ahurisie dwom.

17 Ɛhɔ na mɛma abɛn afiri ama Dawid, masiesie kanea mama deɛ masra no no.

18 Mɛhyɛ n’atamfo aniwuo, na ɔno deɛ, n’ahenkyɛ bɛhyerɛn n’atifi.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan