Nnwom 13 - New Revised Asante Twi BibleNyankopɔn mmoa a ɛmma ntɛm no ho abooboo Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid deɛ. 1 Ao, AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me daa? Wode w’ani bɛhunta me akɔsi da bɛn? 2 Ɛnkɔsi da bɛn na menni me kra mu yea, na adeɛ kye a awerɛhoɔ ntena m’akomam? Me tamfo nhoran me so nkɔsi da bɛn? 3 Hwɛ na gye me so, AWURADE, me Nyankopɔn, te m’ani, na manna owuo nna, 4 na me tamfo anka sɛ: Matumi no, na sɛ mehinhim a, m’ahohiahiafoɔ anni ahurisie. 5 Na me deɛ, m’ani da w’adɔeɛ so, m’akoma bɛdi wo nkwagyeɛ mu ahurisie, 6 mɛto AWURADE dwom sɛ ɔne me adi no yie. |
The Bible Society of Ghana, 2012