Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 128 - New Revised Asante Twi Bible


Efie ahotɔ
Ɔsoroforɔ dwom.

1 Nhyira ne obiara a ɔsuro AWURADE, na ɔfa n’akwan soɔ.

2 Na wobɛdi wo nsa ano adwuma, nhyira ne wo, na ɛbɛsi wo yie.

3 Wo yere yɛ sɛ obobe a ɛso, wo fie mpia mu, wo mma yɛ sɛ ngodua a wɔatetɛ atwa wo pono ho ahyia.

4 Hwɛ, sɛdeɛ wɔhyira onipa a ɔsuro AWURADE nie.

5 AWURADE mfiri Sion nhyira wo, na hunu Yerusalem yiedie wo nkwa nna nyinaa,

6 aane, na hunu wo mma mma. Asomdwoeɛ mmra Israel so.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan