Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 127 - New Revised Asante Twi Bible


AWURADE nhyira ne ade kɛse
Ɔsoroforɔ dwom. Salomo deɛ.

1 Sɛ AWURADE ansi dan no a, wɔn a wɔsie yɛ ho adwuma kwa. Sɛ AWURADE anwɛn kuro no a, ɔwɛmfoɔ siri ho pɛ kwa.

2 Kwa ara na motua ahema sɔre na monnye moahome papa biara, mpo anadwo brɛ. Na mobrɛ ansa na moanya aduane adi. Nanso AWURADE siesie de ma n’adɔfoɔ mpo berɛ a wɔadeda.

3 Hwɛ, AWURADE agyapadeɛ ne mma, na yafunu mu aba yɛ akatua.

4 Sɛ ɔbrane nsam bɛmma teɛ no, sɛ mmeranteberɛm mma teɛ ne no.

5 Nhyira ne ɔbarima a wɔahyɛ n’agyan kotokuo ma, wɔne wɔn atamfoɔ kasa kuro pono mu a, wɔn ani renwu.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan