Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 126 - New Revised Asante Twi Bible


Wɔn a wɔde nisuo guo de ahurisie bɛtwa
Ɔsoroforɔ dwom.

1 Berɛ a AWURADE de Sion firi nnommum sane baeɛ no, yɛyɛɛ sɛ adaeɛsofoɔ.

2 Ɛno na sereɛ hyɛɛ yɛn anomu ma, na anigyeɛ dwom hyɛɛ yɛn tɛkyerɛma so ma. Ɛno na wɔkaa no amanaman mu sɛ: AWURADE ayɛ ade kɛseɛ ama wɔn.

3 AWURADE ayɛ ade kɛseɛ ama yɛn, yɛn ani agye.

4 AWURADE, fa yɛn firi nnommum sane bra sɛ anafoɔ fam asase so asutene.

5 Wɔn a wɔde nisuo guo de ahurisie bɛtwa.

6 Sɛ mpo wɔde nisuo nenam kura aba a wɔguo no a, wɔde ahurisie bɛkura n’ayemfi aba.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan