Nnwom 125 - New Revised Asante Twi BibleIsrael dwanekɔbea Ɔsoroforɔ dwom. 1 Wɔn a wɔde wɔn ho to AWURADE soɔ no te sɛ Sion bepɔ, ɛnhinhim, na ɛsi hɔ daa. 2 Sɛdeɛ Yerusalem, mmepɔ atwa ho ahyia no, saa ara na AWURADE atwa ne man ho ahyia firi seesei de kɔsi daa. 3 Na bɔne ahempoma rentena ateneneefoɔ kyɛfa so, na ateneneefoɔ antene wɔn nsa ansɔ amumuyɛ mu. 4 AWURADE, yɛ wɔn a wɔyɛ no yie, ne wɔn a wɔtene wɔ wɔn akoma mu. 5 Na wɔn a wɔmane kɔ wɔn akwan nkontonkyi soɔ deɛ, AWURADE de wɔn bɛfra amumuyɛfoɔ akɔ. Asomdwoeɛ mmra Israel so. |
The Bible Society of Ghana, 2012