Nnwom 124 - New Revised Asante Twi BibleOnyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ ahohia mu Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. 1 Sɛ ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn afa a, ma Israel nka ɛ: 2 Sɛ ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn afa, berɛ a nnipa sɔre tiaa yɛn no a, 3 anka wɔn abufuo dɔ tiaa yɛn no, wɔamemmene yɛn animono, 4 anka nsuo amene yɛn, anka asubɔnten abɔ afa yɛn kra so, 5 anka nsuo a ɛyɛ ahantan abɔ afa yɛn kra so. 6 Nhyira ne AWURADE a wamfa yɛn anyɛ hanam amma wɔn se. 7 Yɛn kra adwane sɛ anomaa afiri afirisumfoɔ fidie mu, fidie no abubu, na yɛn deɛ, yɛadwane. 8 Yɛn mmoa wɔ AWURADE a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no din mu. |
The Bible Society of Ghana, 2012