Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 123 - New Revised Asante Twi Bible


Nyankopɔn mu gyidie
Ɔsoroforɔ dwom.

1 Wo na mema m’ani so mehwɛ woɔ, wo a wote soro no,

2 Hwɛ, sɛdeɛ nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa ano, sɛ afenaa ani hwɛ n’awuraa nsa ano no, sɛ yɛn ani hwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ne no, kɔsi sɛ ɔbɛdom yɛn.

3 Hu yɛn mmɔbɔ, AWURADE bɛhu yɛn mmɔbɔ, na aniwuhyɛ afono yɛn dodo.

4 Taamudifoɔ fɛdie ne ahantanfoɔ aniwuhyɛ afono yɛn kra dodo.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan