Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 122 - New Revised Asante Twi Bible


Ɔkwantuni anigyeɛ ne apɛdeɛ
Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.

1 M’ani gyee sɛ wɔsee me sɛ: Ma yɛnkɔ AWURADE fie.

2 Yɛn nan bɛgyina w’aponkɛseɛ mu, ao, Yerusalem.

3 Yerusalem a wɔakyekyere no sɛ kuro a ɛtoatoam yie.

4 Ɛhɔ na mmusuakuo no nante korɔ, mekyerɛ AWURADE mmusuakuo, sɛ wɔrekɔyi AWURADE din ayɛ, sɛdeɛ nhyehyɛɛ a ɔde ama Israel teɛ no.

5 Ɛhɔ na wɔde nkonnwa sisi maa atemmuo, Dawid fie nkonnwa no.

6 Monsrɛ ma Yerusalem asomdwoeɛ, ɛnsi w’adɔfo yie.

7 Asomdwoeɛ ntena w’afasuo mu, na yiedie ntena w’aban mu.

8 Me nuanom ne me mfɛfoɔ nti mɛka sɛ asomdwoeɛ ntena wo mu.

9 AWURADE yɛn Nyankopɔn fie nti mɛhwehwɛ papa mama wo.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan