Nnwom 121 - New Revised Asante Twi BibleIsrael hwɛfoɔ Ɔsoroforɔ dwom. 1 Mɛma m’ani so makyerɛ mmepɔ no, ɛhe na me mmoa firi bɛba? 2 Me mmoa firi AWURADE, ɔsoro ne asase yɛfoɔ no. 3 Ɔremma wo nan nwatiri, deɛ ɔhwɛ woɔ no rentɔ nko. 4 Hwɛ, deɛ ɔhwɛ Israel no, ɔrento nko, na ɔrenna. 5 AWURADE ne wo hwɛfoɔ, AWURADE ne wo nwunu, wo nsa nifa so. 6 Owia renhye wo awia, anaa ɔsrane, anadwo. 7 AWURADE bɛhwɛ wo so bɔne nyinaa ho, ɔbɛhwɛ wo kra so. 8 AWURADE bɛhwɛ w’adifire ne wo fieba so afiri seesei de akɔsi daa. |
The Bible Society of Ghana, 2012