Nnwom 12 - New Revised Asante Twi BibleMmoa ho mpaebɔ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Seminit” sankuo nne so. Dawid dwom. 1 O AWURADE, boa na ahotefoɔ rewie sa, na nokwafoɔ ase rehye nnipa mma mu. 2 Obiara twa ne yɔnko nkontompo, ano fremfrem ne akoma nta na wɔde kasa. 3 Ma AWURADE ntwa ano dɛfɛdɛfɛ nyinaa ne tɛkyerɛma a ɛka nsɛnkɛseɛ, 4 wɔn a wɔse: Yɛn tɛkyerɛma na yɛde di mmaninsɛm, yɛn ano wɔ hɔ, hwan na ɔbɛdi yɛn soɔ? 5 Mmɔborɔfoɔ so hyɛ ne ahiafoɔ apinisie nti mɛsɔre afei, sɛ AWURADE seɛ ni, mɛgye deɛ ɔgu ahome repɛ nkwagyeɛ no nkwa. 6 AWURADE bɔhyɛ yɛ bɔhyɛ kronkron, te sɛ dwetɛ a wɔanane no ananeeɛ a asene fam a wɔayiyi mu mprɛnson. 7 Ao, AWURADE, hwɛ yɛn so, na kora yɛn firi nnɛ mma yi mu daa. 8 Sɛ ahuhusɛm ahoran nnipa mma mu yi, abɔnefoɔ abu so nenam. |
The Bible Society of Ghana, 2012