Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 118 - New Revised Asante Twi Bible


Asafo no aseda dwom

1 Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

2 Ma Israel nka ɛ: Aane, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

3 Ma Aaron fiefoɔ nka ɛ: Aane, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

4 Ma wɔn a wɔsuro AWURADE nka ɛ: Aane, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

5 Mefiri ahohia mu mefrɛɛ AWURADE, na AWURADE gyee me so, deɛ ɛhɔ trɛ.

6 AWURADE wɔ m’afa, mensuro, ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?

7 AWURADE wɔ m’afa sɛ me boafoɔ, na me nso mɛhunu deɛ mepɛ m’atamfoɔ soɔ.

8 Ɛyɛ sɛ wɔtwere AWURADE sene sɛ wɔde wɔn ho bɛto nnipa soɔ.

9 Ɛyɛ sɛ wɔtwere AWURADE sene sɛ wɔde wɔn ho bɛto ahemfo soɔ.

10 Amanaman nyinaa atwa me ho ahyia, AWURADE din mu ara na mɛtwitwa wɔn maguo.

11 Wɔatwa me ho ahyia awie koraa mpo, nanso AWURADE din mu ara na mɛtwitwa wɔn maguo.

12 Wɔatwa me ho ahyia sɛ nwowa, wɔbɛdum sɛ nkasɛɛ mu gya, AWURADE din mu ara na mɛtwitwa wɔn maguo.

13 Wɔwɔɔ me nkonsia sɛ anka menhwe ase, nanso AWURADE aboa me.

14 M’ahoɔden ne m’ayeyie dwom ne AWURADE, na wayɛ me nkwagyeɛ.

15 Osebɔ ne nim gyegye ateneneefoɔ ntomadan mu, AWURADE nifa di mmaninsɛm.

16 Wɔama AWURADE nifa so, AWURADE nifa di mmaninsɛm.

17 Merenwu, na mmom mɛnya nkwa, na maka AWURADE nneyɛɛ makyerɛ.

18 Aso na AWURADE atwe me, na owuo deɛ, wamfa me amma no.

19 Monhini tenenee aponkɛseɛ mma me, na menhyɛne mu menna AWURADE ase.

20 AWURADE ponkɛseɛ nie, ateneneefoɔ bɛhyɛne mu.

21 Meda wo ase sɛ woagye me soɔ, na woayɛ me nkwagyeɛ.

22 Ɔboɔ a abantofoɔ apa no abɛyɛ tweaso boɔ titire.

23 AWURADE na ɔmaa yei yɛeɛ, ɛyɛ nwanwa yɛn ani so.

24 Yei ne da a AWURADE ayɛ, momma yɛnni ahurisie, na yɛn ani nnye wɔ mu.

25 O AWURADE, gye nkwa ɛ, O AWURADE, ma no nsi yie!

26 Nhyira ne deɛ ɔnam AWURADE din mu reba no, yɛfiri AWURADE fie rehyira mo.

27 AWURADE ne Onyankopɔn, wama hann ahyerɛn ama yɛn. Momfa dua mman ntwa afahyɛ asefoɔ no ho nhyia nkɔduru afɔrebukyia no mmɛn ho.

28 Me Nyankopɔn ne wo, na mɛda wo ase, me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so.

29 Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan