Nnwom 115 - New Revised Asante Twi BibleOnyankopɔn nko na anidie sɛ no 1 Ɛnyɛ yɛn, AWURADE, ɛnyɛ yɛn, na wo din mmom na animuonyam nka, w’adɔeɛ nti, wo nokorɛ nti. 2 Adɛn na amanaman nka sɛ: Ɛhe ara na wɔn Nyankopɔn wɔ? 3 Na yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro, deɛ ɔpɛ nyinaa na ɔyɛ. 4 Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika, nnipa nsa ano adwuma. 5 Wɔwɔ ano, na wɔnkasa, wɔwɔ ani, na wɔnhunu adeɛ, 6 wɔwɔ aso, na wɔnte asɛm, wɔwɔ hwene, na wɔnte hwa. 7 Wɔn nsa, wɔmfa nka adeɛ, wɔn nan, wɔmfa nnante, na wɔmfa wɔn menewa nkasa. 8 Wɔn a wɔyɛ wɔn te sɛ wɔn ara, obiara a ɔde ne ho to wɔn soɔ no. 9 Israel, fa wo ho to AWURADE so. Wo mmoa ne wo kyɛm ne no. 10 Aaron fie, momfa mo ho nto AWURADE so. Mo mmoa ne mo kyɛm ne no. 11 Mo a mosuro AWURADE, momfa mo ho nto AWURADE so. Mo mmoa ne mo kyɛm ne no. 12 AWURADE akae yɛn, ɔbɛhyira yɛn, ɔbɛhyira Israel fie, ɔbɛhyira Aaron fie, 13 ɔbɛhyira wɔn a wɔsuro AWURADE, nketewa ne akɛseɛ nyinaa. 14 AWURADE bɛma mo adɔɔso, mo ne mo mma. 15 Moyɛ nnipa a wɔahyira wɔn ama AWURADE, ɔsoro ne asase yɛfoɔ no. 16 Ɔsoro yɛ AWURADE soro, na asase deɛ, ɔde ama nnipa mma. 17 Ɛnyɛ awufoɔ na ɛbɛyi AWURADE ayɛ, na ɛnyɛ wɔn a wɔsiane kɔ kommyɛ mu biara. 18 Na yɛn deɛ, yɛbɛhyira AWURADE afiri nnɛ akɔsi daa. Monyi AWURADE ayɛ! |
The Bible Society of Ghana, 2012