Nnwom 114 - New Revised Asante Twi BibleMisraim fire mu nkonyaa 1 Israel firii Misraim, na Yakob fiefoɔ firii ananafoɔ man mu no, 2 Yuda yɛɛ ne kronkronbea, na Israel yɛɛ ne tumidibea. 3 Ɛpo hunui, na ɛdwanee, Yordan sanee n’akyi. 4 Na nkokoɔ yɛɛ sɛ nnwammaa. Mmepɔ hurihurii sɛ adwennini, 5 Ɛpo, ɛdeɛn na ɛyɛɛ woɔ na woredwane, na wo Yordan nso, woresane w’akyire yi? 6 Mo mmepɔ, sɛ morehurihuri sɛ adwennini, na mo nkokoɔ, moreyɛ sɛ nnwammaa yi? 7 Asase, popo AWURADE anim, Yakob Nyankopɔn anim. 8 Na twerɛboɔ yɛɛ nsuo aniwa. Ɔno na ɔdanee ɔbotan maa no yɛɛ ɔtadeɛ. |
The Bible Society of Ghana, 2012