Nnwom 113 - New Revised Asante Twi BibleOnyankopɔn dom ahobrɛasefoɔ 1 Monyi AWURADE ayɛ! Mo AWURADE nkoa, monyi ayɛ, monyi AWURADE din ayɛ. 2 Nhyira nka AWURADE din mfiri nnɛ nkɔsi daa. 3 Ɛfiri owiapueeɛ kɔpem n’atɔeɛ, AWURADE din sɛ ayeyie. 4 Wɔama AWURADE so amanaman nyinaa so, n’animuonyam tra ɔsoro. 5 Hwan na ɔte sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn a ne tenabea wɔ soro, 6 na ɔbrɛ ne ho ase hwɛ fam, ɔsoro ne asase soɔ? 7 Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu, na ɔma ohiani so firi sumina so, 8 sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma nkyɛn, ne man mu mmapɔmma. 9 Ɔma ɔbaabonini nya efie tena mu, na ɔyɛ ɔbaatan a n’ani gyeɛ. Monyi AWURADE ayɛ! |
The Bible Society of Ghana, 2012