Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 112 - New Revised Asante Twi Bible


Nyankopɔn suro mu nhyira

1 Monyi AWURADE ayɛ! Nhyira ne onipa a ɔsuro AWURADE, na ɔnya ne mmara ho anika pii.

2 N’asefoɔ bɛyɛ kɛseɛ asase so, wɔhyira teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ.

3 Adeɛ ne ahonya wɔ ne fie, na ne tenenee wɔ hɔ daa.

4 Hann pue sum mu ma nnipa tenenee, ɔne ɔdomfoɔ, mmɔborɔhunufoɔ ne ɔteneneeni.

5 Onipa a ɔyɛ adom na ɔde fɛm, ɛsi no yie, ɔbɛwie ne nsɛm di, atemmuo mu.

6 Na ɔrenhinhim da biara da, ɔteneneeni bɛyɛ daa nkaeɛ.

7 Akwanmusɛmmɔne renyi no hu, n’akoma si hɔ pintinn da AWURADE so.

8 N’akoma atim, ɔrensuro kɔsi sɛ ɔbɛhunu deɛ ɔpɛ, n’ahohiahiafoɔ soɔ.

9 Ɔto pete, ɔyɛ ahiafoɔ yie; ne tenenee wɔ hɔ daa, wɔbɛma n’abɛn so, animuonyam mu.

10 Ɔbɔnefoɔ bɛhunu ama no ayɛ no ahi, ɔbɛtwɛre ne se na wahodwo, abɔnefoɔ adeɛ a wɔpɛ bɛyera.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan