Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 111 - New Revised Asante Twi Bible


Nyankopɔn nnepa ho ayeyie

1 Monyi AWURADE ayɛ! Mede m’akoma nyinaa bɛkamfo AWURADE, ateneneefoɔ dwabɔ ne asafo mu.

2 AWURADE nneyɛɛ yɛ akɛseɛ, wɔn a ɛyɛ wɔn fɛ nyinaa hwehwɛ akyiri kwan.

3 N’adwuma yɛ anidie ne animuonyam, na ne tenenee gyina hɔ daa.

4 Wama wɔakae n’anwanwadeɛ, ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ ne AWURADE.

5 Ɔma wɔn a wɔsuro no didi mee, ɔkae n’apam daapem.

6 Wayi ne nneyɛɛ tumi akyerɛ ne man de amanaman agyapadeɛ ama wɔn.

7 Ne nsa ano nneyɛɛ yɛ nokorɛ ne atemmuo, n’ahyɛdeɛ nyinaa tim hɔ pintinn.

8 Ɛtintim hɔ daa daa, wɔayɛ no nokorɛ ne tee mu.

9 Wasoma ɔgyeɛ abrɛ ne man, wahyɛ n’apam de kɔsi daa, ne din yɛ kronkron, na ɛho yɛ hu.

10 Nyansa mfitiaseɛ ne AWURADE suro, ɛyɛ nhunumu pa ma wɔn a wɔdi soɔ nyinaa, n’ayeyie gyina hɔ daa.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan