Nnwom 110 - New Revised Asante Twi BibleƆsɔfoɔ a ɔdi hene Dawid dwom. 1 AWURADE asɛm a ɔse me wura nie: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ. 2 Wo tumidie poma no, AWURADE firi Sion bɛtene. “Di hene w’atamfo mfimfini!” 3 Wo man bɛyi wɔn yam koraa aba wo koda no, aduradeɛ kronkron mu, wo mmeranteɛ asafo ba ma wo sɛ obosuo firi adekyeeɛ yam. 4 AWURADE aka ntam, na ɔrennu ne ho: Woyɛ daapem sɔfoɔ, Melkisedek dibea so. 5 AWURADE a ɔwɔ wo nifa soɔ no bɛbobɔ ahemfo, n’abufuo da no. 6 Ɔbɛdi amanaman mu asɛm, ɔbɛma afunu ahyɛ hɔ ma. Ɔbɛbobɔ tire asase a ɛtrɛ so. 7 Ɔbɛnom kwan ho asutene mu nsuo, enti na ɔbɛma ne tiri soɔ. |
The Bible Society of Ghana, 2012