Nnwom 11 - New Revised Asante Twi BibleAWURADE mu ahotosoɔ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ, Dawid deɛ. 1 AWURADE na medwane kɔtoa no, adɛn na mose me kra sɛ: Dwane sɛ anomaa kɔ mo mmepɔ so. 2 Na hwɛ, abɔnefoɔ kuntunu wɔn tadua mu, wɔde wɔn mmɛmma asi homa so sɛ wɔde bɛto abɔ akoma mu tenefoɔ esum mu. 3 Sɛ wɔsɛe nnyinasoɔ a, ɔteneneeni bɛyɛ dɛn? 4 AWURADE wɔ n’asɔrefie kronkron mu, AWURADE ahennwa wɔ soro, n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛ kari wɔn hwɛ. 5 AWURADE sɔ ɔteneneeni hwɛ, na ɔbɔnefoɔ ne deɛ ɔpɛ amim deɛ, ne kra tane no. 6 Ɔbɛma asraman aduru abɔnefoɔ, ogya ne sɔfe ne mframa a ɛderɛ ne wɔn kuruwa mu kyɛfa. 7 Na AWURADE yɛ ɔteneneeni, na ɔpɛ asɛntenenee, wɔn a wɔtene bɛhunu n’anim. |
The Bible Society of Ghana, 2012