Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 109 - New Revised Asante Twi Bible


Atamfoɔ bɔne no nnue!
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.

1 M’ayeyie Nyankopɔn, mmua w’ano.

2 Na abɔnefoɔ ne nkontompofoɔ abue wɔn ano atia me, wɔde tɛkyerɛma torofoɔ akeka me ho nsɛm,

3 na wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia, na wɔne me di ako kwa.

4 Wɔtane me de hyɛ me dɔ ananmu, na me deɛ, mpaeɛ ara na mebɔ.

5 Na wɔde bɔne hyɛ me papa ananmu, na wɔkyiri me de hyɛ me dɔ ananmu.

6 Fa ɔbɔnefoɔ si ne so, na ma Satan nnyina ne nifa.

7 Wɔbu no atɛn a, ma no nni fɔ, na ma ne mpaebɔ nnane no bɔne.

8 Ma ne nna nsua, na ne hwɛ adwuma no, ma obi mfa,

9 ne mma nyɛ nwisiaa, na ne yere nnane okunafoɔ,

10 na ne mma nkyinkyini nsrɛsrɛ adeɛ, na wɔmfiri wɔn amamfo so nkɔhwehwɛ aduane.

11 Ma ɔpempensifoɔ nsa nka deɛ ɔwɔ nyinaa, na ananafoɔ mfom n’adwumadeɛ.

12 Mma obiara adɔeɛ nnkyɛre mmma no, na obiara nnnom ne nwisiaa.

13 Ma wɔnhye n’ase, ma wɔn din ngu awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ yi mu.

14 Wɔnkae n’agyanom amumuyɛ AWURADE anim, na ne na bɔne nso, wɔmmpepa.

15 Ɛntena AWURADE anim daa, na ɔntwa wɔn ho nkaeɛ mfiri asase so.

16 Ɛsiane sɛ wankae sɛ ɔbɛyɛ adɔeɛ, na ɔtaa onipa mmɔborɔni ne ohiani ne deɛ n’akoma abubuo, sɛ ɔbɛku wɔn.

17 Ɛnam sɛ ɔdɔɔ nnuabɔ nti, aba ne so, sɛ wampɛ nhyira nti, ɛne no ntam twe.

18 Ɔhyɛɛ nnome sɛ n’atadeɛ, na ɛkɔɔ ne yam sɛ nsuo, ne ne nnompe mu sɛ ngo.

19 Ma no nyɛ no sɛ ntoma a ɔfira ne abɔsoɔ a ɔde kyekyere ne ho daa.

20 Yei ne me ho asɛmpɛfoɔ akatua a ɛfiri AWURADE nsam, ne wɔn a wɔka me kra ho asɛmmɔne no deɛ.

21 Na wo, O Onyankopɔn ne m’AWURADE, wo din nti di ma me, na w’adɔeɛ no yɛ, yi me!

22 Na meyɛ mmɔborɔni ne ohiani, na m’akoma apira wɔ me mu.

23 Mekɔ sɛ sunsum a ɛrekɔtɔ, woawoso me atwene sɛ ntutummɛ.

24 Abuada nti me nkotodwe popo, na me honam afɔn, emu sradeɛ asa.

25 Na me deɛ, madane ahohora mama wɔn, wɔhwɛ me a, wɔwoso wɔn ti.

26 Boa me, AWURADE, me Nyankopɔn, gye me sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ,

27 na wɔnhunu sɛ wo nsa ni, sɛ wo, AWURADE, na woyɛeɛ.

28 Wɔn deɛ, wɔdome, na wo deɛ, wohyira. Wɔsɔre, na wɔn ani wu, na w’akoa deɛ, n’ani gye.

29 Me ho asɛmpɛfoɔ bɛhyɛ aniwuo, na wɔafira wɔn ahohora sɛ ntoma.

30 Mede m’ano bɛkamfo AWURADE pii, mɛto ayeyie dwom mama no nnipa bebree mu,

31 sɛ ɔgyina ohiani nifa, na ɔregye no afiri wɔn a wɔbu ne kra atɛn nsam.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan