Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 108 - New Revised Asante Twi Bible


Adɔeɛ ho ayeyie ne mmoa ho adesrɛ
Dawid dwom.

1 M’akoma atim, Onyankopɔn, m’akoma atim! Mɛto dwom, na mayi ayɛ! Me kra nyane!

2 Bɛnta ne sankuten, monyane, mɛnyane anɔpahema.

3 AWURADE, mɛda wo ase, aman mu, na mɛto ayeyie dwom mama wo, aman mu.

4 Na w’adɔeɛ so tra ɔsoro, na wo nokorɛ duru ewiem tɔnn.

5 Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro, na ma w’animuonyam so asase nyinaa so.

6 Deɛ ɛbɛyɛ na woagye w’adɔfo nti, fa wo nifa gye yɛn nkwa, na gye me so.

7 Onyankopɔn akasa ne kronkronyɛ mu: Medi ahurisie, mɛkyɛ Sekem mu, na masusu Sukot bonhwa.

8 Gilead wɔ me, Manase wɔ me, na Efraim yɛ me tiri so dadeɛ kyɛ, Yuda yɛ m’ahempoma.

9 Moab yɛ me dwaresɛn, Edom so na mɛto me mpaboa maguo, Filistifoɔ asase so na mɛbɔ ose.

10 Hwan na ɔde me bɛkɔ kuro denden no mu, hwan na ɔbɛgya me akɔ Edom?

11 Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woasum yɛn aguo yi, na wo, Onyankopɔn, ne yɛn dɔm ankɔ?

12 Bɛboa yɛn firi ahohia mu, na onipa mmoa yɛ ɔkwa.

13 Yɛde Onyankopɔn na ɛbɛyɛ mmaninneɛ, na ɔno na ɔbɛtiatia yɛn ahohiahiafoɔ soɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan