Nnwom 107 - New Revised Asante Twi BibleNWOMA A ƐTƆ SO NNUM ( Nnwom 107—150 ) Wɔn a wɔagye wɔn nkwa no aseda dwom 1 Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. 2 Ma wɔn a AWURADE agye wɔn nka saa, wɔn a wagye wɔn afiri ɔhohiahiafoɔ nsam, 3 na waboaboa wɔn ano afiri nsase soɔ, afiri apueeɛ ne atɔeɛ, afiri atifi fam ne anafoɔ fam. 4 Wɔkyinkyinii anwea pradada so, nkyɛkyerɛ a ɛnni kwan so, wɔanhunu kuro biara antena mu. 5 Ɛkɔm dee wɔn, sukɔm dee wɔn, wɔn kra tɔɔ piti wɔ wɔn mu. 6 Na wɔsu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyere mu, 7 na ɔde wɔn faa ɔkwantenenee so sɛ wɔnkɔ kuro a wɔbɛtumi atena mu so. 8 Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho, ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu, 9 sɛ wama ɔkra a ne ho aweɛ ameeɛ, na ɔde adepa ahyɛ ɔkra a ɛkɔm de no ma. 10 Wɔn a wɔtenaa sum ne sum kabii mu, na wɔkyeree wɔn guu amaneɛ ne dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, 11 ɛfiri sɛ wɔtee Nyankopɔn nsɛm ho atua, na wɔbuu ɔsorosoroni no agyina animtia, 12 na ɔde ɔhaw brɛɛ wɔn akoma ase, wɔhwehwee ase a ɔboafoɔ bi nni hɔ. 13 Na wɔsu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyere mu. 14 Ɔyii wɔn firii sum ne sum kabii mu, na ɔbubuu wɔn mpokyerɛ mu. 15 Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho, ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu, 16 sɛ wabubu kɔbere mfrafraeɛ apono, na watwitwa adaban mu asinasini. 17 Agyegyentwie, wɔn mmarato kwan ne wɔn amumuyɛ nti wɔhunuu amane. 18 Wɔn kra kyiri aduane nyinaa na wɔbɛn owuo aboboano. 19 Na wɔsu frɛɛ AWURADE wɔn ahohia mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyere mu. 20 Ɔmaa n’asɛm bɛsaa wɔn yadeɛ, na ɔyii wɔn firii wɔn amena mu. 21 Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho, ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu, 22 na wɔmmɔ aseda afɔdeɛ, na wɔmfa ahurisie dwom nka ne nneyɛɛ. 23 Wɔn a wɔsiane kɔ ɛpo so ahyɛn mu na wɔkɔdi nsuo akɛseɛ mu dwuma no, 24 wɔn na wɔhunuu AWURADE nneyɛɛ, ne n’anwanwadeɛ ebunu mu, 25 na ɔka maa ahum kɛseɛ tui, na ɛmaa n’asorɔkyeɛ so. 26 Wɔforo kɔɔ soro, na wɔsiane kɔɔ bunu donkodonko mu, ahohia nti wɔn kra hodwoe. 27 Wɔkyim kɔ bae tɔɔ ntintan sɛ asabofoɔ, na wɔn nyansa nyinaa sae wɔn tirim. 28 Na wɔsu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyere mu. 29 Ɔmaa ahum no yɛɛ komm, na asorɔkyeɛ no yɛɛ dinn. 30 Na wɔn ani gyee sɛ ano adwo komm, na ɔde wɔn kɔɔ wɔn agyinaeɛ a wɔhwehwɛɛ hɔ no: 31 Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu, 32 na wɔmma no so ɔman ahyiaeɛ mu, na wɔnyi no ayɛ mpanimfoɔ dwabɔ mu. 33 Ɔdanee asutene maa no yɛɛ anwea pradada ne nsuo aniwa maa no yɛɛ nkyɛkyerɛ. 34 Asase a ɛma aduane danee asase kɛsɛɛ, wɔn a wɔte soɔ no bɔneyɛ nti. 35 Ɔdanee anwea pradada maa no yɛɛ ɔtadeɛ, ne nkyɛkyerɛ maa no yɛɛ nsuo aniwa, 36 na ɔmaa wɔn a ɛkɔm dee wɔn kɔtenaa hɔ, na wɔkyekyeree kuro tenaa mu, 37 na wɔyɛɛ mfuo, na wɔtetɛɛ bobe nturo, na wɔnyaa nnɔbaeɛ pii. 38 Na ɔhyiraa wɔn maa wɔn ase kyenee bebree, na wamma wɔn afieboa so anhwan. 39 Ɛnna afei wɔn so hwaneeɛ, na wɔbrɛɛ wɔn ase, ɛnam nhyɛsoɔ, ɔhaw ne awerɛhoɔhyɛ nti. 40 Ɔde animtiabuo gu mmapɔmma so, na ɔma wɔkyini asase fo a ɔkwan nni hɔ so. 41 Na ɔmaa ohiani so firii amanehunu mu, na ɔyɛɛ wɔn mmusua sɛ nnwankuo. 42 Teneneefoɔ bɛhunu, na wɔn ani agye, na amumuyɛ nyinaa bɛmua n’ano. 43 Obiara a ɔyɛ onyansafoɔ no, ma no mmu yeinom, na ma wɔnwene AWURADE adɔeɛ ho. |
The Bible Society of Ghana, 2012