Nnwom 106 - New Revised Asante Twi BibleNyankopɔn adɔeɛ ne Israel bonniayɛ 1 Monyi AWURADE ayɛ! Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. 2 Hwan na ɔbɛtumi aka AWURADE mmaninneɛ, na wama wɔate n’ayeyie nyinaa? 3 Nhyira ne wɔn a wɔkura atemmuo mu, ne deɛ ɔdi asɛntenenee daa nyinaa. 4 AWURADE, wo man ho anisɔ no mu, kae me, wo nkwagyeɛ mu bɛhwɛ me, 5 na menhunu wɔn a woayi wɔn no nnepa, na m’ani nnye wo nkurɔfoɔ no anigyeɛ ho bi, na me ne w’agyapadeɛ nhyehyɛ yɛn ho. 6 Yɛne yɛn agyanom ayɛ bɔne, yɛafom, yɛayɛ bɔne kɛse. 7 Yɛn agyanom anhunu w’anwanwadeɛ Misraim, wɔankae w’adɔeɛ dodoɔ no, na wɔtee atua ɛpo ho, Mmɛwa Po ho. 8 Nanso ne din nti ɔgyee wɔn, sɛ ɔbɛma wɔahunu ne mmaninyɛ. 9 Ɔteateaa Mmɛwa Po no maa no wee, na ɔde wɔn faa abunu mu sɛ anwea pradada so. 10 Na ɔgyee wɔn firii deɛ ɔkyiri wɔn no nsam, na ɔyii wɔn firii ɔtamfoɔ nsam, 11 na nsuo kataa wɔn ahohiahiafoɔ so, wɔn mu baako mpo anka. 12 Ɛnna wɔgyee ne nsɛm diiɛ, wɔtoo n’ayeyie dwom. 13 Wɔn werɛ firii ne nneyɛɛ ntɛm, wɔantwɛn n’agyinatuo. 14 Na wɔn kɔn dɔɔ ntraso ɛserɛ so, na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe anwea pradada so. 15 Ɛnna ɔmaa wɔn deɛ wɔbisaeɛ, nanso ɔmaa ɔfɔn baa wɔn kra mu. 16 Na wɔn ani beree Mose, nsraban no mu, ne Aaron, AWURADE hotefoɔ no. 17 Asase mu bue menee Datan, na ɛkataa Abiram asafo so. 18 Na ogya sɔ kɔkaa wɔn asafo, ogyaframa taferee abɔnefoɔ no. 19 Wɔyɛɛ nantwie ba Horeb, na wɔkotoo ohoni a wɔguiɛ. 20 Na wɔsakyeraa wɔn animuonyam yɛɛ no nantwie a ɔwe wira nsɛso. 21 Wɔn werɛ firii Onyankopɔn a ɔgyee wɔn na ɔyɛɛ nnoɔma akɛseɛ Misraim, 22 ɔyɛɛ anwanwadeɛ Ham asase so, ne ahudeɛ, Mmɛwa Po ho no. 23 Na ɔse anka ɔbɛsɛe wɔn, nanso Mose a ɔyii no no kɔgyinaa n’anim sii abuo no ano, sɛ ɔbɛyi n’abufuo, na wansɛe wɔn. 24 Na wɔtoo asase a ɛyɛ no ho mpe, wɔannye n’asɛm anni. 25 Wɔnwiinwii wɔn ntomadan mu, na wɔantie AWURADE asɛm. 26 Ɛnna ɔmaa ne nsa so tiaa wɔn sɛ ɔbɛma wɔatotɔ ɛserɛ so, 27 na wabɔ wɔn asefoɔ agu amanaman mu, na wapansam wɔn, nsase so. 28 Na wɔde wɔn ho bɔɔ Baal-peor ho, na wɔdii adefunu afɔrebɔdeɛ, 29 na wɔde wɔn nneyɛɛ huruu no, na owuyadeɛ baa wɔn mu. 30 Na Pinehas sɔre gyina patae, na ɔsɔɔ owuyadeɛ no ano. 31 Na wɔbuu yei tenenee maa no kɔɔ mma mma so kɔsi daa. 32 Na wɔyii no abufuo, Meriba nsuo no so, na wɔn nti ɛwiee Mose bɔne. 33 Na wɔhoo ne honhom werɛ, na ɔde n’ano woroo nsɛm. 34 Wɔankunkum aman a AWURADE kaa wɔn ho asɛm no 35 na wɔfrafraa amanaman no mu, na wɔsuasuaa wɔn nneyɛɛ. 36 Na wɔsom wɔn ahoni, na ɛdanee wɔn fidie. 37 Na wɔde wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa bobɔɔ afɔdeɛ maa abosom, 38 na wɔkaa mogya a ɛnni fɔ gui, wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa mogya, wɔde wɔn bɔɔ afɔdeɛ maa Kanaan ahoni, maa mogya guu asase no ho fi. 39 Na wɔde wɔn nneyɛɛ maa wɔn ho yɛɛ nwunu, na wɔde wɔn nsɛnnie dan nnwamamfoɔ. 40 Ɛnna AWURADE abufuo dɛre tiaa ne man, na ɔkyirii n’agyapadeɛ. 41 Na ɔde wɔn hyɛɛ amanaman nsa, na wɔn a wɔkyiri wɔn dii wɔn so. 42 Na wɔn atamfoɔ hyɛɛ wɔn so, na wɔbrɛɛ wɔn ase hyɛɛ wɔn nsa ase. 43 Ɔgyee wɔn mpɛn pii, na wɔn deɛ, wɔtee atua, wɔn apam so, na wɔbrɛɛ wɔn ase wɔn amumuyɛ mu. 44 Nanso ɔhwɛɛ wɔn ahohia maa wɔn, ɔtiee wɔn abooboo no. 45 Na ɔkaee n’apam maa wɔn, na n’adɔeɛ dodoɔ nti ɔyɛɛ ntimmɔborɔ. 46 Na ɔmaa wɔn a wɔfaa wɔn nnommum nyinaa hunuu wɔn mmɔbɔ. 47 Gye yɛn nkwa, AWURADE, yɛn Nyankopɔn, na boaboa yɛn ano firi amanaman mu, na yɛnna wo din kronkron no ase, na yɛmfa w’ayeyie nhyehyɛ yɛn ho. 48 Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn firi tete akyirikyiri kɔsi daakye akyirikyiri, na ma ɔman mu no nyinaa nse sɛ: Amen. Monyi AWURADE ayɛ! |
The Bible Society of Ghana, 2012