Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 104 - New Revised Asante Twi Bible


Nyankopɔn adebɔ mu ayeyie

1 Me kra, hyira AWURADE. AWURADE, me Nyankopɔn, woso kɛse, woahyɛ ɔhran ne animuonyam.

2 Ɔfira hann sɛ ntoma, ɔtrɛ ɔsoro mu sɛ ntomadan tam,

3 ɔde ne mpia sam nsuo so, ɔde mununkum yɛ ne teaseɛnam, ɔde mframa ntaban nenam.

4 Ɔde mframa yɛ n’abɔfoɔ, ɔde ogya a ɛderɛ yɛ n’asomfo.

5 Ɔde asase atim ne nnyinasoɔ so, na anhinhim da biara da.

6 Wode ebunu kataa so sɛ atadeɛ, nsuo gyinaa mmepɔ so,

7 w’animka nti ɛdwanedwanee, w’aprannaa nne nti na ɛyɛɛ ntɛm kɔeɛ,

8 mmepɔ memaa wɔn ho so, ɛsene kɔɔ abɔn mu, deɛ woasiesie ama no hɔ.

9 Woatwa ɔhyeɛ sɛ ɛnntra, na ansane ammɛkata asase so.

10 Ɔyi nsuo aniwa, abɔn mu, ɛsene nenam mmepɔ ntam.

11 Ɛma wiram mmoa nyinaa nom bi, atorɔmo de kum wɔn sukɔm.

12 Ɛso na ewiem nnomaa teteɛ, nnua mman mu na wɔfiri ma wɔn nne soɔ.

13 Ɔfiri ne soro mpia mu gu mmepɔ so nsuo, wo nnwuma so aba mee asase.

14 Ɔma wira fifiri ma afieboa, ne afuomduane a onipa yɛ ho adwuma, sɛ ɔbɛma aduane afiri asase mu.

15 Na nsa ama ɔdasani akoma atɔ ne yam, na wama ngo ayɛ onipa anim dɛhyɛdɛhyɛ, na aduane awowa ɔdasani akoma.

16 Wɔma AWURADE nnua nso mee, Lebanon ntweneduro a ɔduaeɛ no.

17 Ɛhɔ na nnomaa yɛ wɔn mpirebuo, asukɔnkɔn wɔ ne fie, pepeaa nnua so.

18 Mmepɔ atentene yɛ dwanekɔbea ma akyekyeregya, na abotan yɛ ma mmoakua.

19 Ɔyɛɛ ɔsrane sɛ ɛnkyerɛ berɛ mu nsakyeraeɛ, owia nim ne tɔberɛ.

20 Woma sum duru, na adeɛ sa, ɛno mu na kwaeɛ mu mmoa nyinaa keka wɔn ho.

21 Gyataburuwa bobom di mmoa akyi, na wɔkɔpɛ wɔn aduane, Nyankopɔn nsam.

22 Owia pue a, wɔtwe wɔn ho, na wɔbutubutu wɔn atu mu.

23 Onipa firi kɔ n’adwuma ne ne dwumadie ho kɔsi anwummerɛ.

24 AWURADE, sɛdeɛ wo nnwuma si dɔɔso fa, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔdeɛ ahyɛ asase so ma.

25 Ɛpo ni, ɛso, na ɛtrɛ kakraa, ɛhɔ na mmoa manyamanya a ɛnni ano nenam, mmoa nketewa ne akɛseɛ.

26 Ɛhɔ na ahyɛn nenam, dɛnkyɛmmirampɔn a woyɛɛ no sɛ ɔngoro mu no ni.

27 Wɔn nyinaa hwɛ wo kwan sɛ ma wɔn wɔn aduane, ne berɛ mu.

28 Woma wɔn, na wɔtase, wobue wo nsam, na adepa mee wɔn.

29 Wohunta w’ani, na wɔpatu wu, woyi wɔn ahome, na wɔgyaa mu, na wɔsane kɔ wɔn mfuturo mu.

30 Wosoma w’ahome ba, na wode bɔ wɔn, na woma asase ani yɛ foforɔ.

31 Ma AWURADE animuonyam ntena hɔ daa, ma AWURADE ani nnye ne nnwuma mu.

32 Ɔno na ɔhwɛ asase na ɛwosoɔ, ɔka mmepɔ na ɛfiri wisie.

33 Mete aseɛ yi, mɛto dwom mama AWURADE, mewɔ hɔ yi, mɛto ayeyie dwom mama me Nyankopɔn.

34 Ɔmma m’adwene yi nyɛ no fɛ, na me nso m’ani bɛgye AWURADE ho.

35 Ma nnebɔneyɛfoɔ nsa asase so, na mma abɔnefoɔ nntena hɔ bio. Me kra, hyira AWURADE. Monyi AWURADE ayɛ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan