Nnwom 103 - New Revised Asante Twi BibleMe kra, hyira AWURADE! Dawid deɛ. 1 Me kra, hyira AWURADE, na me mu adeɛ nyinaa nhyira ne din kronkron. 2 Me kra, hyira AWURADE, na mma wo werɛ mmfiri ne nneyɛɛ pa nyinaa. 3 Ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ, na ɔsa wo nyarewa nyinaa. 4 Ɔgye wo nkwa firi Amena mu, ɔde adɔeɛ ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotire. 5 Ɔde adepa hyɛ w’afono ma na wo mmeranteberɛ yɛ foforɔ sɛ ɔkɔdeɛ. 6 AWURADE di asɛntenenee, na ɔbu atɛn gye wɔn a wɔhyɛ wɔn soɔ nyinaa. 7 Ɔde n’akwan kyerɛɛ Mose, ɔmaa Israel mma hunuu ne nneyɛɛ. 8 Mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ ne AWURADE, ne bo kyɛre fu, na n’adɔeɛ dɔɔso. 9 Ɔrenham nkɔsi daapem, na ɔrennya yɛn menasepɔ nkɔsi daa. 10 Ɔnsusu yɛn bɔne so ne yɛn nni, na ɔnhwɛ yɛn mfomsoɔ nhyɛ yɛn ananmu. 11 Na sɛ ɔsoro ware sene asase no, sɛ n’adɔeɛ so, wɔn a wɔsuro no soɔ ne no. 12 Sɛ apueeɛ ne atɔeɛ ntam ware no, sɛ wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no. 13 Sɛ agya yam hyehye no ne mma ho no, sɛ AWURADE yam yɛ no wɔn a wɔsuro no ho ne no. 14 Na ɔnim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfuturo. 15 Ɔdasani deɛ, ne nna te sɛ ɛserɛ, ɔyɛ frɔmm sɛ wiram nhwiren. 16 Sɛ mframa bɔ fa ne so a, na ɔnni hɔ, na ne sibea nni no bio. 17 Na AWURADE adɔeɛ firi daa kɔ daa, wɔn a wɔsuro no so, na ne tenenee wɔ hɔ ma mma mma, 18 ma wɔn a wɔdi n’apam soɔ, na wɔkae n’ahyɛdeɛ sɛ wɔbɛyɛ. 19 AWURADE de n’adwa asi soro, na n’ahennie di ade nyinaa so. 20 AWURADE abɔfoɔ, monhyira no, mo ahoɔden mu akatakyie a modi n’asɛm soɔ na motie ne kasa no. 21 AWURADE asafo nyinaa, monhyira no, n’asomfo a moyɛ deɛ ɛsɔ n’ani no. 22 AWURADE nnwuma nyinaa, monhyira no, mmeammea a ɔdi tumi nyinaa. Me kra, hyira AWURADE. |
The Bible Society of Ghana, 2012