Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 102 - New Revised Asante Twi Bible


Abooboo ne anidasoɔ
Mmɔborɔni a ne home te no a ɔyi n’abooboo gu AWURADE anim no mpaebɔ.

1 Ao, AWURADE, tie me mpaebɔ, na ma me sufrɛ nnuru w’anim.

2 Nyi w’anim nhunta me, da a me ho hia me no, brɛ w’aso ase ma me, da a mesu mefrɛ no, yɛ ntɛm gye me so.

3 Na me nna hi sɛ wisie, na me nnompe adɔ sɛ mmukyia.

4 M’akoma abo na akusa sɛ ɛfan, na m’ani apa m’aduanedie so.

5 M’apinisie nne nti me nnompe afemfam me wedeɛm.

6 Mete sɛ ɛserɛ so nantwinoma, mayɛ sɛ amamfo so patuo.

7 Mesiri pɛ, mete sɛ apatuprɛ a ɔno nko si ɛdan atifi.

8 Da mu nyinaa m’atamfoɔ bɔ me ahohora, wɔn a wɔbɔ me so dam de me yɛ ntanka.

9 Na madi nso sɛ aduane, na mede esu mafra m’anonneɛ mu.

10 Ɛnam w’abufuo ne w’anibereɛ so nti, na womaa me soɔ, na woato me atwene.

11 Me nna te sɛ sunsum a ɛretwam, na me deɛ, mekusa sɛ ɛfan.

12 Na wo, AWURADE deɛ, wowɔ hɔ daa, na wo nkaeɛ kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

13 Wobɛsɔre abɛhunu Sion mmɔbɔ, na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wodom no ni, na ɛberɛ no adu.

14 Na wo nkoa wɔ n’aboɔ ho akoma, na wɔn yam hyehye wɔn, ne mfuturo ho.

15 Na amanaman bɛsuro AWURADE din, na asase so ahemfo nyinaa asuro w’animuonyam,

16 sɛ AWURADE akyekyere Sion, wayi ne ho adi n’animuonyam mu,

17 wadane n’ani akyerɛ onnibie mpaebɔ, na wampo wɔn mpaebɔ.

18 Wɔbɛtwerɛ yei ama nkyirimma, na ɔman a wɔbɛbɔ wɔn no bɛyi AWURADE ayɛ,

19 sɛ wafiri ne soro kronkron hɔ abrɛ n’ani ase ahwɛ fam, AWURADE firi soro na ahwɛ asase,

20 sɛ ɔbɛtie apokyerɛfoɔ apinisie, na wasane owuo mma,

21 na wɔabɔ AWURADE din Sion, na wɔaka n’ayeyie Yerusalem,

22 da a aman bɛbom aboaboa wɔn ho ano ne ahennie, sɛ wɔbɛsom AWURADE.

23 Wago me tumi mu ɔkwan mu, watwa me nna so.

24 Meka sɛ: Me Nyankopɔn, mmu me nna mu mfa me, wo mfeɛ kyɛre kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

25 Tete nteredee na wohyɛɛ asase aseɛ, na ɔsoro ne wo nsa ano adwuma.

26 Ɛno deɛ, ɛbɛsɛe, na wo deɛ, wotim hɔ daa. Wɔn nyinaa bɛsu sɛ atadeɛ, wobɛsakyera wɔn sɛ atadeɛ, na wɔasakyera.

27 Na wone wo ara, na wo mfeɛ rensa da.

28 Wo nkoa mma bɛtena ase, na wɔn asefoɔ atim w’anim.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan