Nnwom 101 - New Revised Asante Twi BibleƆhene bɔhyɛ Dawid dwom. 1 Mɛto adɔeɛ ne atemmuo ho dwom, wo, AWURADE, na mɛto dwom yi mama woɔ. 2 Mede nimdeɛ bɛfa pɛyɛ kwan so. Da bɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede m’akoma pɛyɛ bɛnante me fie. 3 Meremma ahuhusɛm biara nsi m’ani so, mekyiri ahohwisɛmdie, ɛremfam me ho. 4 Akoma kontonkyi mpare me, bɔne rensɔ m’ani. 5 Deɛ ɔhunta twiri ne yɔnko no, ɔno na mɛtwa no; ahantan ani ne akoma a ɛhoran merempene no. 6 M’ani wɔ asase so nokwafoɔ so, sɛ wɔmmɛtena me ho; deɛ ɔnam pɛyɛ kwan soɔ no, ɔno na ɔmmɛsom me. 7 Deɛ ɔtwa nkontompo rentena me dan mu, deɛ ɔkeka atorosɛm rennyina m’anim. 8 Daa anɔpa mɛtwitwa asase so abɔnefoɔ nyinaa, na matu amumuyɛfoɔ nyinaa mafiri AWURADE kuro mu. |
The Bible Society of Ghana, 2012