Nnwom 1 - New Revised Asante Twi BibleNWOMA A ƐDI KAN ( Nnwom 1—41 ) Ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ 1 Nhyira ne onipa a ɔnnante abɔnefoɔ agyina mu, na ɔnnyina nnebɔneyɛfoɔ kwan soɔ, na ɔntena fɛdifoɔ tenabea, 2 na mmom n’ani gye AWURADE mmara ho, na ɔdwene ho awia ne anadwo. 3 Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛso n’aba ne berɛ mu, na n’ahahan mpo, na deɛ ɔyɛ nyinaa bɛwie yie. 4 Na abɔnefoɔ deɛ, wɔnte saa, na wɔte sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo. 5 Enti abɔnefoɔ renni bem atemmuo mu, na nnebɔneyɛfoɔ rennya kyɛfa wɔ teneneefoɔ asafo mu. 6 Ɛfiri sɛ AWURADE nim teneneefoɔ kwan, na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera. |
The Bible Society of Ghana, 2012