Mmebusɛm 30 - New Revised Asante Twi BibleAgur paemuka 1 Yake ba Agur nsɛm — Anisoadehunu. Ɔbarima no ka kyerɛ Itiel, Itiel ne Ukal sɛ: 2 Na meyɛ mmoasɛm kyɛne onipa obiara, na nhunumu a onipa wɔ no, na menni bi. 3 Na mensuaa nyansa, na menni ɔkronkronni no ho nimdeɛ. 4 Hwan na waforo akɔ soro na wasiane? Hwan na ɔkura mframa wɔ ne nsam? Hwan na ɔbɔ nsuo boaa, ntoma mu? Hwan na ɔde asase ano nyinaa sisi hɔ? Sɛ wonim a, ne din de sɛn? Na ne ba din de sɛn? 5 Nyankopɔn asɛm nyinaa ho te, ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ. 6 Mfa biribi nka ne nsɛm ho, na wanka w’anim, na wɔanhu wo sɛ ɔtorofoɔ. 7 Nnoɔma mmienu na mesrɛ no wo hɔ, nkame me ansa na mawu: 8 Yi adehuhuo ne atorosɛm firi me ho kɔ akyirikyiri, mma me ohia anaa ahonyadeɛ, ma mennya m’aduane a ɛhia me no menni, 9 na mammee mampa wo manka sɛ: Hwan ne AWURADE? Nanso manni hia manwia adeɛ mamfom me Nyankopɔn din. 10 Nni akoa ho nsekuro nkyerɛ ne wura, na wammɔ wo dua na woanni fɔ. 11 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔdome wɔn agya, na wɔnhyira wɔn na. 12 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ho teɛ wɔ wɔn ara wɔn ani soɔ, nanso wɔntee wɔn ho mfirii wɔn fi mu. 13 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ani tra wɔn ntɔn sɛ biribi, na wɔamema wɔn anisuatɛtɛ soɔ! 14 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn se yɛ nkrantɛ, na wɔn dodomse yɛ nsekammoa, a wɔde mmɔborɔfoɔ firi asase soɔ ne ahiafoɔ firi nnipa mu. 15 Amemem wɔ mmammaa baanu a wɔteam sɛ: Fa ma! Fa ma! Nnoɔma mmiɛnsa na ɛmmee da, aane, nnoɔma nnan na ɛnka sɛ: Ɛdɔɔso: 16 Asamando ne ɔyafunu bonin, asase a nsuo mmee no ne ogya a ɛnka sɛ: Ɛdɔɔso. 17 Ani a ɛyi n’agya ahi, na ɛbu ɛna tie animtia no, asubɔnten ho anene bɛtutu, na akɔreɛ mma bɛdi. 18 Nnoɔma mmiɛnsa na ɛyɛ me nwanwa dodoɔ, aane, na nnan deɛ, menhunu: 19 Ɔkɔdeɛ kwan, ewiem, ɔwɔ kwan, ɔbotan so, nsuhyɛn kwan, ɛpo mu, ne ɔbarima kwan, ababaa ho. 20 Sɛ ɔbaa awaresɛeni kwan teɛ nie: Ɔdidi pepa n’ano, na ɔse: Memmɔɔ mmusuo biara. 21 Nnoɔma mmiɛnsa ase na asase wosoɔ, aane, na nnan na ɛntumi nsoa: 22 Akoa a wabɛdi hene ne ogyegyentwie a wadidi ameeɛ, 23 ɔbaa a obi mpɛ no na wanya kunu, ne abaawa a wadi n’awuraa adeɛ. 24 Nnoɔma nnan na ɛsusua asase soɔ, nanso wɔyɛ anyansafoɔ, wɔakyerɛ wɔn nyansa: 25 Ntɛtea, ɔman a wɔnni ahoɔden biara, nanso wɔsiesie wɔn aduane ahuhuberɛ. 26 Nkukuban, ɔman a wɔn ho nyɛ den, nanso wɔyɛ wɔn adan abotan mu. 27 Ntutummɛ nni hene, nanso wɔn nyinaa firi nam akuakuo. 28 Wobɛtumi de wo nsa akyere ɔkoterɛ, nso ahemfo aban mu na ɔteɛ. 29 Nnoɔma mmiɛnsa yi nanteɛ mu yɛ, aane, na nnan kɔbea yɛ fɛ: 30 Gyata, mmoa mu brane a ɔnsane mfiri obiara anim; 31 akodie pɔnkɔ a n’asene amia, ne ɔpapo, ne ɔhene a obi nsɔre ntia no. 32 Sɛ woayɛ nkwaseadeɛ ama wo ho so, na sɛ woabɔ pɔ a, fa wo nsa to w’ano. 33 Na womia nufosudaeɛ a, woyi nufosuo ani sradeɛ, na wokyim ɛhwene a, woyi mogya, saa nso na womia abufuo a, woyi ntɔkwa. |
The Bible Society of Ghana, 2012