Mmebusɛm 29 - New Revised Asante Twi BibleNhyira ne ɔsɛeɛ 1 Onipa a wɔka n’anim na ɔsene ne kɔn no, wɔbɛbu no mpofirim a ano nni aduro. 2 Ateneneefoɔ di tumi a, ɔman ani gye, na ɔbɔnefoɔ di so a, ɔman si apini. 3 Onipa a ɔdɔ nyansa ma n’agya ani gye, na deɛ ɔne nnwamamfoɔ bɔ bɛsɛe n’adeɛ. 4 Ɔhene de atemmuo ma asase gyina, na akyɛdepɛfoɔ bɔ no. 5 Onipa a ɔdɛfɛdɛfɛ ne yɔnko no, ɔsum n’anammɔn fidie. 6 Onipa bɔne mmarato mu wɔ fidie, na ɔteneneeni bɛto ahurisie dwom, na n’ani agye. 7 Ɔteneneeni hunu mmɔborɔfoɔ asɛm di, ɔbɔnefoɔ nhunu saa nimdeɛ no. 8 Fɛdifoɔ sɔ kuro mu gya, na anyansafoɔ sianka abufuo. 9 Ɔba nyansafoɔ ne ogyimifoɔ di apereɛ a, ɔyɛ hoo oo, ɔsere oo, home nni mu. 10 Mogyapɛfoɔ tane pɛyɛfoɔ, na teefoɔ hwehwɛ ne kra agye no. 11 Ɔkwasea yi ne honhom nyinaa adi, na onyansafoɔ dwodwo no ma no ka akyi. 12 Ɔpanin a ɔtie atorosɛm no, n’asomfo nyinaa yɛ abɔnefoɔ. 13 Adekoro bi da nso wɔ ohiani ne opooboni ntɛm, deɛ ɔte wɔn baanu nyinaa ani ne AWURADE. 14 Ɔhene a ɔbu nokwatɛn ma mmɔborɔfoɔ no, n’ahennwa bɛtim daa. 15 Abaa ne animka ma nyansa, na abɔfra a wɔato no sraha gu ne na anim ase. 16 Abɔnefoɔ dɔɔso a, mmarato dɔɔso, nanso ateneneefoɔ bɛhunu wɔn ahweaseɛ. 17 Tenetene wo ba na wama woahome, na wama wo kra anika. 18 Anisoadehunu nni hɔ a, ɔman yɛ bisibasaa, nanso deɛ ɔbu mmara no, nhyira ne no. 19 Ɛnyɛ nsɛm na wɔde tea akoa, ɛfiri sɛ ɔte aseɛ mpo a, ɔremmu. 20 Wohunu onipa a ɔpere ne nsɛm ho a, anidasoɔ wɔ hɔ ma ɔkwasea sene no. 21 Deɛ ɔkorɔkorɔ n’akoa firi ne mmɔfraase no, akyire yi no ɔbɛyɛ sɛ ɔba. 22 Obufufafoɔ hwanyan ntɔkwa, na ɔbobɔnefoɔ mmarato dɔɔso. 23 Onipa ahantan bɛbrɛ no ase, na honhom mu ahobrɛaseɛni nsa bɛka animuonyam. 24 Deɛ ɔne owifoɔ kyɛ adeɛ no tane ne kra, ɔte duabɔ no nso ɔnka. 25 Onipa ho suro sum fidie, na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no ho deɛ ɔbɛyɛ sɔnn. 26 Nnipa pii hwehwɛ ɔman sodifoɔ anim animuonyam, nanso AWURADE na obiara atemmuo firi no. 27 Ateneneefoɔ akyiwadeɛ ne busufoɔ, na ɔbɔnefoɔ nso akyiwadeɛ ne deɛ ne kwan yɛ tee. |
The Bible Society of Ghana, 2012